Luke 15

Oguan a ɔyerae no

1Da bi towgyefo ne nnebɔneyɛfo pii baa Yesu nkyɛn betiee no. 2Farisifo ne mmara no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo san ne wɔn to nsa didi.” 3Saa asɛm a wɔkae no ma obuu wɔn bɛ bi se, 4“Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no? 5Na sɛ ohu no a, ɔde no abɔ ne kɔn ho, de anigye de no aba. 6Na sɛ odu fie a, wafrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa aka akyerɛ wɔn se, ‘Momma yennye yɛn ani, efisɛ, mahu me guan a ɔyerae no.’

7“Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra nʼadwene a, ɔsorofo nyinaa ani gye sen sɛ atreneefo aduɔkron akron wɔ hɔ a adwensakra ho nhia wɔn no.

8“Anaasɛ ɔbea bɛn na sɛ ne sika mpɔw du mu baako yera a, ɔrensɔ kanea, mprapra ne dan mu, nhwehwɛ kosi sɛ obehu? 9Na sɛ ohu a, ɔremfrɛfrɛ ne nnamfo ne nʼafipamfo nyinaa nka nkyerɛ wɔn se, ‘Momma yɛn ani nnye, efisɛ, mahu me sika mpɔw a ɛyerae no?’ 10Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfo baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”

Ɔyera ba

11Yesu san buu wɔn ɔyera ho bɛ bi se, “Ɔbarima bi wɔ hɔ a na ɔwɔ mmabarima baanu. 12Wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ nʼagya se, ‘Mʼagya, fa me kyɛfa a mewɔ wɔ wʼagyapade mu no ma me!’ Ɔbarima no kyɛɛ nʼagyapade mu de ne ba no kyɛfa maa no.

13“Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi, hweree nʼahode nyinaa. 14Ɛno akyi no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so maa ne ho kyeree no. 15Ɛbaa saa no, ɔde ne ho kɔdan kuromani bi a, ɔma ɔkɔhwɛɛ ne mprako so. 16Ɔwɔ hɔ no, ɔkɔm dee no maa ne kɔn dɔe sɛ anka obenya aduan a mprako no di no bi mpo adi, nanso, wannya.

17“Nʼani baa ne ho so no, ɔkae se, ‘Apaafo a wɔwɔ mʼagya fi didi, mee ma ebi ka ma wɔtow gu. Adɛn na mete ha na ɔkɔm rekum me yi!’ 18Mɛsɔre makɔ mʼagya nkyɛn na maka makyerɛ no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, 19na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio; fa me yɛ wʼapaafo no mu baako.’

20“Osiim sɛ ɔresan aba nʼagya nkyɛn. Ɔnam kwan so akyirikyiri reba no, nʼagya no huu no, enti ɔde ayamhyehye yɛɛ ntɛm kohyiaa no, bam no, yɛɛ no atuu.

21“Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

22“Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ. 23Afei munkokum nantwi ba a wadɔ srade no mfa nyɛ aduan, na yennidi, nnom, nnye yɛn ani, 24efisɛ, na misusuw sɛ meba yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ Wofitii ase gyee wɔn ani.

25“Ne ba panyin a na ofi afum reba no duu afikyiri no, ɔtee nnwonto ne ahurusidi wɔ fie hɔ. 26Ɛno nti ɔfrɛɛ asomfo no mu baako bisaa no nea ɛrekɔ so wɔ fie hɔ. 27Ɔsomfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Wo nua no asan aba a biribiara anyɛ no enti, wʼagya akum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

28“Ɔtee saa asɛm yi no, ne bo fuwii enti ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrenkɔ fie hɔ. Nʼagya tee saa asɛm yi no, ofii adi baa ne nkyɛn bɛkorɔkorɔɔ no. 29Ne ba no de awerɛhow buaa no se, ‘Mʼagya, masom wo mfe dodow yi nyinaa a nea wobɛka biara mitie, nanso wommaa me oguan ba mpo da sɛ minkum na me ne me nnamfonom mfa nnye yɛn ani. 30Nanso wo ba a ɔkɔbɔɔ ahwohwi no bae yi de, woakum nantwi ba a wadɔ srade no ama no.’

31“Nʼagya buaa no se, ‘Me ba, me ne wo na ɛte ha. Biribiara a mewɔ nso, yɛ wo dea. 32Ɛsɛ sɛ yegye yɛn ani, efisɛ, na misusuw sɛ wo nua yi awu, sɛ nso na ɔte ase; ɔyerae, nanso wasan aba.’ ”

Copyright information for TwiNAK